Nnwom28twi_aka

Dawid dwom.

1Wo na misu frɛ wo,Awurade me Botan;nsiw wʼaso wɔ me ho.Sɛ woyɛ komm a,mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.2Tie me mmɔborɔsubere a mefrɛ wo apɛ mmoa,bere a mema me nsa sokyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
3Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.4Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so;wɔn adwuma bɔne no so;tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so kana fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.
5Sɛ wommu nea Awurade ayɛne nea ɔde ne nsa ayɛ no ntiɔbɛbrɛ wɔn asena ɔremma wɔnnsɔre bio.
6Ayeyi nka Awurade,efisɛ watie me mmɔborɔsu.7Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabome koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me.Me koma di ahurusina mede dwonto bɛda no ase.
8Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo;ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.9Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade;yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.