Sefania3twi_asa

Yerusalem Daakye

1Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔnatuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!2Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiaraɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu.Ɔmfa ne ho nto Awurade so.Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.3Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.4Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;wɔyɛ afatwafoɔ.Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.5Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,na ɔnni hwammɔ da,nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.6“Masɛe amanaman;madwiri wɔn abandenden agu.Wɔn mmorɔno so adeda mpan,a obiara ntwa mu hɔ.Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;a obi biara renka.7Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,‘ampa ara wobɛsuro mena woagye nteɛsoɔ ato mu!’Na afei ne tenaberɛ rensɛe,na mʼasotwe biara nso remma ne so.Nanso, wɔn ho peree wɔnsɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.8Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ.Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanamanne ahennie anona mahwie mʼabufuo agu wɔn somʼabufuhyeɛ nyinaa.Me ninkuntwe abufuo ogya mu no,asase nyinaa bɛhye.
9“Afei mɛdwira nnipa no ano,na wɔn nyinaa abɔ Awurade dinna wɔaka abɔ mu asom no.10Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete nobɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoade wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.11Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim asewɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,wɔn a wodi ahantan mu ahurisiena worenyɛ ahantan biowɔ me bepɔ kronkron no so.12Nanso mɛgya wɔ wo muwɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,na wɔde wɔn ho to Awurade so.13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔneWɔrenka nkontonpo nsɛm,na wɔn ano renka nnaadaa nsɛmwɔbɛdidi na wɔadana obiara renyi wɔn hu.”
14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;team denden Ao, Israel!Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,Ao, Ɔbabaa Yerusalem!15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.Awurade Israelhene ka wo ho;worensuro ɔhaw biara bio.16Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,“Mma nsuro, Ao Sion!Mma wo nsa mu nhodwo.17Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.Nʼani bɛgye wo hoɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
18“Mo awerɛhoɔ to bɛtwaɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no;mo anim rengu ase bio.19Saa ɛberɛ no me ne wɔna wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi;Mɛgye mmerɛyɛfoɔna mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyamasase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.20Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano,na mede wo aba fie.Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wowɔ asase so nnipa nyinaa muna mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wona wode wʼani bɛhunu,”sɛdeɛ Awurade ka nie.