Sefania2twi_asa

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,Ao, animguaseɛ ɔman,2ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,ansa na Awurade abufuhyeɛ noaba mo so,ansa na Awurade abufuo ɛda noaba mo so.3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;ebia ɔbɛkora moAwurade abufuo ɛda no.

Atemmuo A Ɛtia Filistia

4Wɔbɛgya Gasana wɔagya Askelon sɛ kurofo.Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpamna wɔatutu Ekron ase.5Monnue mo a mote mpoano,Ao, mo Keretifoɔ;Awurade asɛm tia mo.Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.Mɛtɔre mo ase,na obiara renka.6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛbɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔne wɔn nnwammuo.7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔAskelon afie mu.Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

8“Mate Moab nsopa neAmonfoɔ atweetweɛ;wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔna wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.9Enti, sɛ mete ase yi,”sɛdeɛ Asafo Awurade,Israel Onyankopɔn, seɛ nie,“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,asase a ɛda mpan afebɔɔ.Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”
10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.11Awurade ho suro bɛba wɔn soɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmuo A Ɛtia Kus

12“Mo Etiopiafoɔ nso,mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

Atemmuo A Ɛtia Asiria

13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman sona wasɛe Asiria,na wama Ninewe ada mpan koraana ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,mmoadoma nyinaa.Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anomabɛtena nʼadum no so.Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.15Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisiena ɛte asomdwoeɛ mu.Ɔhoahoa ne ho sɛ,“Me ne no, obiara nte sɛ me.”Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,hugya ne nsa fɛdie so.