Sefania1twi_asa

1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

Atemmuo A Ɛtia Yuda

2“Mɛpra biribiara afiri asase so”deɛ Awurade seɛ nie,3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiemne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko arasɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”deɛ Awurade seɛ nie.4“Mɛtene me nsa wɔ Yudane wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntamna wɔde Molek nso ka ntam,6wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridiena wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”
7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
8“Awurade afɔrebɔ ɛda no,mɛtwe mmapɔmmane ahenemmane wɔn a wɔhyehyɛananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.9Saa ɛda no mɛtwe wɔna wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.Wɔn a wɔde akakabensɛmne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.
10“Saa ɛda no,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔna nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ nowɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem muna matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hweesɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,na wɔabubu wɔn afie agu.Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena muwɔbɛyɛ bobe mfuonanso wɔrennom emu nsã.”

Awurade Ɛda Kɛseɛ No

14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,abɛn na ɛreba ntɛm so.Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛdaɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteama ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.
17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no sona wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔn nkwawɔ Awurade abufuo ɛda no.”Ne ninkuntwe mu ogya nobɛhye ɔman no nyinaa,na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwaaba awieeɛ mpofirim.