Sakaria10twi_asa

Awurade Bɛhwɛ Yudafoɔ

1Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu;ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa,ne mfudeɛ nso ma obiara.2Ahoni no ka nnaadaasɛm,nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.Enti nnipa no nenam te sɛ nnwana wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.
3“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.Na Asafo Awurade bɛhwɛne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.4Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ,ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarimaa wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu.Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti,wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
6“Mɛhyɛ Yuda fie denna magye Yosef fie no nkwa.Mede wɔn bɛsi wɔn dada muɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.Wɔbɛyɛ te sɛ deɛmempoo wɔn mpo,na me ne Awurade wɔn Onyankopɔnna mɛgye wɔn so.7Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima,wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã.Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.8Meto nsa afrɛ wɔnaboaboa wɔn ano.Ampa ara megye wɔn bio;wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.9Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,na wɔbɛsane aba.10Mede wɔn bɛfiri Misraim abamɛboa wɔn ano afiri Asiria.Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,na wɔrensene hɔ.11Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.Nil mu nsuo nyinaa bɛweAsiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no asena Misraim ahempoma bɛtwam.12Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade muna ne din mu na wɔbɛnante,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.