Nnwom Mu Dwom8twi_asa
1Sɛ anka woyɛɛ me nuabarimaa wonum me maame nufu ano,ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a,anka mɛfe wʼano,a obiara ntumi mmu me animtiaa.2Anka mɛdi wʼanimna mede wo aba me maame efie,ɔno a woakyerɛkyerɛ me.Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.3Ne nsa benkum da mʼatikɔna ne nsa nifa aka me afam ne bo.4Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mukɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.5Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba aɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi?Ababaawa:Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase;ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ,ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.6Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ,sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so,ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo,ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena.Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ,sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara.7Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ aanka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.8Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a,ne nufu mmobɔeɛ.Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yiwɔ da a wɔbɛbisa no ase?9Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.Sɛ ɔyɛ ɛpono a,yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.10Meyɛ ɔfasuo,na me nufu te sɛ abantenten.Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi aɔde deɛ ɛsɔ ani reba.11Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ.Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua nonnwetɛbena apem.12Nanso me bobeturo yi yɛ me dea.Me deɛ, meremfa mma;Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem,na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.13Wo a wote turo no mune nnamfonom a wɔka wo ho,ma mente wo nne.14Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ,na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ baanaasɛ ɔforoteɛ ba aɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.