Nnwom Mu Dwom2twi_asa
1Meyɛ Saron nhwirenne bɔnhwa mu sukooko.2Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ nosaa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu.3Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu nosaa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu.Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomekana nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.4Ɔde me akɔ apontoɔ ase,na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ.5Momma me bobe aba na menya ahoɔden,momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.6Ne nsa benkum da mʼatikɔ,na ne nsa nifa aka me afam ne bo.7Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛmorennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mukɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.8Tie! Me dɔfoɔ!Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no sona ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.9Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,ɔhwɛ mpomma no mu,wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.10Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ,“Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛna bra me nkyɛn.11Hwɛ! Awɔberɛ atwam;na osutɔ atwam kɔ.12Nhwiren afifiri asase ani:nnwontoɔ berɛ aso.Wɔte mmorɔnoma suwɔ yɛn asase so.13Borɔdɔma agu nhyerɛnne;na bobe hwa agye baabiara.Sɔre bra, me dɔfoɔ;mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”14Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro muahinta wɔ mmepɔ so,ma me nhunu wʼanim;ma mente wo nne;wo nne yɛ dɛ,na wʼanim yɛ fɛ.15Monkyekyere sakraman no mma yɛn,sakraman nketewa noa wɔsɛe bobe nturo,yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.16Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no;ɔhwehwɛ sukooko no mu.17Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkyena sunsumma bɛsene akɔ no,dane wo ho me dɔfoɔ,na yɛ sɛ ɔtwewaanaa ɔforoteɛ aɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.