Nnwom Mu Dwom1twi_asa
1Salomo nnwom mu dwom.2Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.3Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomekawo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.NnamfonomYɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.Ababaawa:Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!5Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,Ao, Yerusalem mmammaa,mobiri te sɛ Kedar ntomadan,te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!6Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.Memaa mmammarima bo fuu meenti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.7Kyerɛ me me dɔfoɔ,faako a wode wo nnwankuo kɔ adidina owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanimwɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,fa ɛkwan a nnwan fa soɔ sona fa wo mpapo mma kɔ adidiwɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛa wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.10Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛa wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.12Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.13Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toaa ɛda me nufu ntam.14Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmmwɔ En-Gedi bobe turo mu.15Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!Ao, ahoɔfɛ niewʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.16Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!Ao, ahoɔfɛ nieyɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.17Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.