Nnwom98twi_asa

Dwom.

1Monto dwom foforɔ mma Awurade,ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;ne nsa nifa ne ne basa kronkron noanya nkwagyeɛ ama no.2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛna wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.3Wakae nʼadɔeɛne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;asase ano nyinaa ahunuyɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,momfa nnwontoɔ nni ahurisie;5Momfa sankuo nto dwom mma Awurade,sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,6momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.
7Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.8Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;9ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim,ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn.Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛnna ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.