Nnwom96twi_asa

1Monto dwom foforɔ mma Awurade;asase nyinaa monto dwom mma Awurade.2Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din;mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.3Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu,monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
4Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie;ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.5Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.6Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
7Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.8Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.9Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
10Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.”Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim;ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.11Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie;momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;12momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose.Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;13wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba,ɔreba abɛbu asase no atɛn.Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛnna woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.