Nnwom93twi_asa
1Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awuradena wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.Wɔde ewiase atim hɔ pintinn;na wɔrentumi ntutu.2Wʼahennwa tim hɔ firi tete;na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.3Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,ɛpo ama wɔn nne so;ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.4Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.5Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn;kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyamdaa nyinaa.