PSA91twi_asa
1Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabeabɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.2Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”3Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mune owuyadeɛ mu.4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea;ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.5Worensuro anadwo mu ahunahuna,anaa bɛmma a ɛtu awia,6anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu,anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.7Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.8Wʼani nko ara na wode bɛhwɛna woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.9Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,10ɔhaw biara remma wo so,na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.11Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so noabɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;12wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,na wo nan rensunti ɔboɔ.13Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.14Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no;mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.15Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.16Mɛma nkwa nna a ɛware amee nona makyerɛ no me nkwagyeɛ.”