Nnwom88twi_asa

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔnmesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.2Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
3Ɔhaw ahyɛ me kra mana me nkwa rebɛn owuo.4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,wɔn a wonkae wɔn bio,na wonhwɛ wɔn bio.
6Woato me atwene damena ase tɔnn,wɔ esum kabii mu.7Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.8Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛnwoama me ho ayɛ wɔn ahi.Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;9awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;metrɛ me nsam kyerɛ wo.10Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?11Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?12Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?
13Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu14Ao Awurade, adɛn nti na wopo mena wode wʼanim hinta me?
15Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.16Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;wʼahunahuna asɛe me.17Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,na wɔabu afa me so koraa.18Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.