Nnwom87twi_asa

Kora mma dwom.

1Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;2Awurade dɔ Sion apono nosene Yakob atenaeɛ nyinaa.3Wɔka wo ho animuonyamsɛmAo Onyankopɔn kuropɔn:4“Mede Rahab ne Babiloniabɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,Filistia, Tiro ne Kus nsomɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ”
5Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,“Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”6Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ,“Wɔwoo yei wɔ Sion.”7Na wɔbɛto dwom sɛ,“Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.