Nnwom86twi_asa

Dawid mpaeɛbɔ.

1Ao Awurade, tie me na gye me so,ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.2Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo.Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa aɔde ne ho to wo so.3Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ,na mesu frɛ wo daa nyinaa.4Ma wʼakoa ani nnye,na wo Awurade, wo nkyɛnna mema me kra so ba.
5Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ,wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.6Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ;tie me mmɔborɔ su.7Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,na wobɛgye me so.
8Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.9Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaabɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.10Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;wo nko ara ne Onyankopɔn.
11Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,na mɛnante wo nokorɛ mu;ma memfa mʼakoma nyinaa mma wona masuro wo din.12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔnna mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.
14Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.15Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.16Dane wʼani hwɛ me na dom me;fa wʼahoɔden ma wʼakoana gye wʼafenaa babarima nkwa.17Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ,na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu asena wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.