Nnwom84twi_asa
Kora mma dwom.
1Ao Asafo Awurade,wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka!2Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;mʼakoma ne me honam teamfrɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.3Mpo akasanoma anya fie,na asomfena nso anwono ne pirebuo,baabi a ɔbɛhwane ne mmawɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;na wɔkamfo wo din daa.5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.6Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.7Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa,kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.8Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ;Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me.9Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm;fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.10Wʼadihɔ hɔ da korɔ tenayɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ;mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fiesene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.11Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm;Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam;ɔremfa ade pa biara nkamewɔn a wɔteneɛ.12Ao Asafo Awurade,nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.