Nnwom82twi_asa

Asaf dwom.

1Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.
2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho banna woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?3Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.4Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
5“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.Wɔkyinkyini wɔ esum mu;na asase fapem nyinaa woso.
6“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’7Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”8Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.