Nnwom8twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.Wode wʼanimuonyamatimtim ɔsoro nohoa,2mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfoɔ nti;na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.3Sɛ mehwɛ wo soro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsrane ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,4onipa ne hwan a wokae no,na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔna wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.6Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:7nnwankuo ne nantwikuo nyinaane wiram mmoa nso,8ewiem nnomaane ɛpo mu mpataa,deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.9Ao, Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.