Nnwom79twi_asa
Asaf dwom.
1Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so;wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.2Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduaneama ewiem nnomaa,na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.3Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuowɔ Yerusalem ho nyinaa,na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.4Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ,fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.5Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?6Hwie wʼabofuo gu amanamana wɔnni woɔ no so,ahennie awɔmmɔ wo din no;7ɛfiri sɛ wɔakum Yakobna wɔasɛe nʼatenaeɛ.8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,na yɛwɔ ahohiahia mu.9Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,wo din no animuonyam nti;gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛnwo din enti.10Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ,“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛwotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.11Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim;fa wo basa ahoɔden nokora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.12Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no,tua wɔn so ka mprɛnson.13Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no,bɛyi wo ayɛ daa nyinaa;ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔyɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.