Nnwom71twi_asa

1Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta;mma mʼanim ngu ase da.2Wo tenenee no enti, yi me na gye me;tie me na gye me nkwa.3Yɛ me nkwagyeɛ botanfaako a mɛtumi akɔ daa;hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa,na wo ne me botan ne mʼaban.4Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.
5Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade,mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.6Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so;wo na woyii me firii me maame yafunu mu.Mɛkamfo wo daa.7Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree,nanso wo ne me dwanekɔbea denden.8Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.
9Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa;mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.10Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia mewɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.11Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu;momma yɛnti no na yɛnkyere no,na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.”12Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri;Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.13Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu;wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me noma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so.
14Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa;mɛkɔ so makamfo wo.15Mɛka wo tenenee ho asɛm,ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa,nanso mennim ano.16Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no;mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.17Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.18Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,Ao Onyankopɔn, nnya me,kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
19Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ.Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?20Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;nanso wobɛma me nkwa bio;na wobɛyi me bioafiri asase ase.21Wobɛhyɛ me animuonyam bebreena woakyekye me werɛ bio.
22Mede sankuo bɛkamfo woAo me Onyankopɔn, wo tenenee entimɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten soAo Israel Kronkronni.23Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteamɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ,me a woagye me no.24Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwumada mu nyinaa,ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me nokɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu.