Nnwom70twi_asa
Dawid adesrɛ dwom.
1Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra noanim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaamfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.3Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.4Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ,“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”5Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ;Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.