Nnwom7twi_asa
Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade.
1Ao, Awurade me Onyankopɔn,medwane metoa wo;Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,2anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyatana wɔatete me mu asinasini aobiara rentumi nnye me.3Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yeina sɛ afɔdie aba me so a,4sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yieanaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,5ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;ma wɔntiatia me so wɔ famna wɔmma me funu nna mfuturo mu.6Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.7Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.Firi soro hɔ di wɔn so;8ma Awurade mmu nnipa no atɛn.Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.9Ao Onyankopɔn teneneeni,wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛna ma ateneneefoɔ nya banbɔ.10Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔndeɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.11Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.12Sɛ wansesa nʼadwene a,ɔbɛse nʼakofena ano;ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.13Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ;ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.14Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛna basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.15Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ nohwe tokuro a watu no mu.16Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so;ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so.17Mede aseda bɛma Awuradene tenenee entina mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.