Nnwom66twi_asa

Dawid dwom.

1Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!2Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom;momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!3Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwawo tumi sona wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.4Asase nyinaa koto wo;wɔto ayɛyi dwom ma wo,wɔto dwom kamfo wo din.”5Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.6Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;wɔnante twaa asuo no.Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.7Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.8Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.9Wahwɛ yɛn nkwa sona wamma yɛn nan anwatiri.10Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.11Wode yɛn kɔguu nneduadan muna wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.12Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so;yɛfaa ogya ne nsuo mu,nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.
13Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan muna madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,14ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.15Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wonnwennini ayɛyɛdeɛ;mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.
16Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa;momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.17Mede mʼano su frɛɛ no;na me tɛkrɛma yii no ayɛ.18Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a,anka Awurade antie me.19Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me,wate me mpaeɛbɔ.20Nhyira nka Onyankopɔn,a wampo me mpaeɛbɔna wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.