Nnwom65twi_asa
Dawid dwom.
1Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion,na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.2Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ,wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.3Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no,wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.4Nhyira nka wɔn a woyi wɔnma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ!Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma,deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.5Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ,Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa.Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔne ɛpo so akyirikyiri nso.6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔde daa wʼahoɔden adi.7Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ,asorɔkye no a ɛbobɔne amanaman no hooyɛ.8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ.Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ,wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.9Wohwɛ asase no gugu so nsuo;woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa masɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane.Sɛdeɛ woayɛ no nie.10Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyeena wokaa nkofie no sram so;wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛna wohyiraa ɛso afifideɛ.11Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no,na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.12Ɛserɛ so wira dɔɔsona anigyeɛ baa nkokoɔ so.13Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ mana ayuo akata mmɔnhwa no so;wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.