Nnwom61twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;tie me mpaeɛbɔ.2Mefiri asase ano frɛ wo,mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.3Woayɛ me dwanekɔbea,aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.4Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔna manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.5Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.6To ɔhene nkwa nna mu bebree;na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.7Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.8Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daana madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.