Nnwom54twi_asa
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.”
1Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;fa wo tumi di mʼasɛm ma me.2Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;tie mʼanom nsɛm.3Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.4Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;Awurade ne me hwɛfoɔ.5Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.6Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo;Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ,ɛfiri sɛ ɛyɛ.7Woagye me afiri me haw nyinaa mu,na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.