Nnwom5twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛmna dwene mʼapinisie ho.2Tie me mmoa ho sufrɛ,me Ɔhene ne me Onyankopɔn,ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.3Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanimna mede anidasoɔ twɛn.4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.5Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.6Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm;Awurade kyirimogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,mɛba wo fie;na anidie mu na mɛkotoakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.8Ao Awurade kyerɛ me ɛkwanwɔ wo tenenee mumʼatamfoɔ enti,bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.10Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.11Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.12Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.