Nnwom42twi_asa

Kora mma “maskil” dwom.

1Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?3Me nisuo ayɛ mʼaduaneawia ne anadwo,na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ:“Wo Onyankopɔn wɔ he?”4Saa nneɛma yi na mekaeɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;sɛdeɛ na medi asafokuo anim,na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwomnante yuu bom kɔ Onyankopɔn fiewɔ afahyɛ da.
5Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
6Me kra aboto wɔ me muenti mɛkae wofiri Yordan asase so,Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.7Ebunu kɔ ebunu muwɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;wʼasorɔkye nyinaaabu afa me so.
8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.
9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”10Me nnompe te yea sɛ ɔdasani.Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,daa nyinaa wɔbisa me sɛ,“Wo Onyankopɔn wɔ he?”
11Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.