Nnwom36twi_asa
Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom.
1Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma soa ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.Wɔnnsuro Onyankopɔn.2Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodoenti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.3Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.4Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwanna ɔmpo deɛ ɛnyɛ.5Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosorowo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.6Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.7Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!Nnipa mu akɛseɛ ne nketewanya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.8Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fiewoma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.9Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;wo hann mu na yɛhunu hann.10Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.11Mma ɔhantanni nan ntia meanaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.12Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.