Nnwom35twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie;ko tia wɔn a wɔko tia me.2Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu;na sɔre bra bɛboa me.3Twe pea ne abonnuawɔ wɔn a wɔtaa me soka kyerɛ me kra sɛ,“Mene wʼagyenkwa.”4Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me noma wɔn anim ngu ase;wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ noma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guowɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.6Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro,na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.7Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwana wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti8ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn muna atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.9Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade muna wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.10Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ,“Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade?Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsamne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”11Adansekurumfoɔ sɔre;wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so kana wɔma me kra yɛ basaa.13Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitomana mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,14mekɔɔ so twaa adwosɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.Mede awerɛhoɔ sii me ti asete sɛ deɛ meregyam me maame.15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennimna wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;wɔtwɛree wɔn se guu me so.17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.18Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa nonhwɛ me haa nsere.Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me nommfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.20Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,na mmom, wɔde ntwatosoɔtia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.21Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane,yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”22Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano.Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.23Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban!Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.24Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn;mma wɔn nhwɛ me haa nsere.25Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!”anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”26Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu nonyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm nonhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.27Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho nomfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteamɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so,ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”28Me tɛkrɛma bɛka wo teneneene wʼayɛyie da mu nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.