Nnwom33twi_asa
1Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ,ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.2Momfa sankuo nkamfo Awurade;monto dwom mma no wɔ sankuten so.3Monto dwom foforɔ mma no.Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!4Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.5Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee.Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.6Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.7Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo;na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.8Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade;na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.9Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa muna ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.10Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ;ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.11Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa,nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.12Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade,nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.13Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.14Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.15Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.16Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo muna wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.20Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade;ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.21Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.22Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade,sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.