Nnwom31twi_asa

Dawid dwom.

1Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;mma mʼanim ngu ase;firi wo tenenee mu gye me.2Yɛ aso ma me,bra ntɛm bɛgye me;yɛ me banbɔ botan,aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.3Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.4Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.5Wo nsam na mede me kra hyɛ;gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
6Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo;mede me ho to Awurade so.7Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehununa wonim me kra mu haw.8Woamfa me amma ɔtamfoɔ nommom wode me nan asisi petee mu.
9Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me;awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuuɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.10Ateeteeɛ rete me nkwa sona abooboo te me mfeɛ so;ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ famna me nnompe nso ahodwo.11Mʼatamfoɔ nyinaa enti,mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;nnipa a wɔnim me suro me,na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.12Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo;mayɛ sɛ kukuo a abɔ.13Mete dodoɔ no nsekuro.Ahunahuna atwa me ho ahyia.Wɔrepam me tiri sona wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
14Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”15Me mmerɛ wɔ wo nsamgye me firi mʼatamfoɔne wɔn a wɔtaa me no nsam.16Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.17Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu asena wɔnna wɔn damena mu komm.18Mua atorofoɔ ano,ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuokasa tia teneneefoɔ.
19Wo papayɛ dɔɔso,ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ nowɔ nnipa anim.20Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mufiri nnipa nsusuiɛ bɔne ho;wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoofiri tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
21Ayɛyi nka Awurade!Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ meɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.22Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:“Woayi wʼani me so!”Nanso wotee me mmɔborɔ suɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
23Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa!Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so,na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.24Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.