Nnwom3twi_asa
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim.
1Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!2Bebree no ara ka fa me ho sɛ,“Onyankopɔn rennye no”.3Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyiawohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.4Meteam su frɛ Awurade,na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.5Metɔ hɔ na meda a,menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.6Merensuro atamfoɔ mpem mpem awɔatwa me ho ahyia no.7Sɔre, Ao Awurade!Gye me, Ao me Onyankopɔn!Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;na tutu amumuyɛfoɔ se.8Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba.Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.