Nnwom29twi_asa

Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.2Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.
3Awurade nne wɔ nsuo no so;animuonyam Onyankopɔn bobom,Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.4Awurade nne mu wɔ tumi;Awurade nne mu wɔ animuonyam.5Awurade nne bubu ntweneduro;Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.6Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.7Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre8Awurade nne woso ɛserɛ so;Awurade woso Kades serɛ.9Awurade nne kyinkyim adumna ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,“Animuonyam nka Onyankopɔn!”
10Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.11Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.