Nnwom28twi_asa

Dawid dwom.

1Wo na mesu mefrɛ wo,Ao Awurade me Botan;nsi wʼaso wɔ me enti.Sɛ woyɛ komm a,mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.2Tie me mmɔborɔ suɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoaɛberɛ a mema me nsa sokyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
3Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔwɔn a wɔyɛ bɔne no.Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛnanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.4Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;wɔn adwuma bɔne no so;tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so kana fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.
5Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,ɔbɛbrɛ wɔn asena ɔremma wɔnnsɔre bio.
6Ayɛyie nka Awurade,ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.7Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.Mʼakoma di ahurisiena mede dwomtoɔ bɛda no ase.
8Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.9Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ;yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.