Nnwom27twi_asa
Dawid dwom.
1Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;hwan na mensuro no?Awurade ne me nkwa ahoɔden,na hwan anim na me ho mpopoɔ?2Sɛ nnipa bɔne toa mepɛ sɛ wɔkum me a,sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so awɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.3Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,mʼakoma rentu;mpo sɛ wɔtu me so sa a,ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.4Adeɛ baako na mebisa Awurade;na ɛno na mehwehwɛ;sɛ mɛtena Awurade fieme nkwa nna nyinaa,na mahwɛ Awurade ahoɔfɛna mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.5Wɔ hia ɛda mu noɔde me sie nʼatenaeɛ;ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.6Afei ɔbɛma me tiri sowɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so;mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu;na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.7Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me!Hu me mmɔbɔ na gye me so!8Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!”Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ.9Mfa wʼanim nhinta me,mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔme ɔboafoɔ ne wo.Mpo me na nnya me,Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.10Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ,nanso Awurade bɛgye me.11Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade;fa me fa ɛkwan tee so,me nhyɛsofoɔ enti.12Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ,adansekurumfoɔ sɔre tia mena wɔpu awurukasɛm.13Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ:mɛhunu Awurade ayamyɛwɔ ateasefoɔ asase so.14Twɛn Awurade.Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duruna twɛn Awurade.