Nnwom26twi_asa

Dawid dwom.

1Bu me bem, Ao Awurade,ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:mede me ho too Awurade sona manhinhim.2Sɔ me hwɛ, Ao Awurade,hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.3Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daana mɛnante wo nokorɛ mu.
4Me ne nnaadaafoɔ ntenana me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.5Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔna mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.6Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,7na mepae mu ka wʼayɛyiena meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.
8Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,baabi a wʼanimuonyam wɔ no.9Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ.Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,10wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsamna adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ.Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
12Me nan sisi asase tamaa so;na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.