Nnwom25twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo;2wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to.Mma mʼanim ngu asena mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim.3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biaraani renwu da,mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye noanim bɛgu ase.4Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade,na me nhunu wʼatempɔn.5Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me,ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ,na mʼani da wo so daa nyinaa.6Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛa ɛwɔ hɔ firi tete no.7Nkae me mmabunu berɛ mu bɔnene mʼatuateɛ akwan;kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.8Awurade yɛ, na ɔtene;enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan.9Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa sona ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.10Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdiema wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.11Ao Awurade, me bɔne so deɛ,nanso wo din enti, fa kyɛ me.12Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade?Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no.13Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu,na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.14Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no;na ɔma wɔhunu nʼapam.15Mʼani da Awurade so daa,ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.16Dane wʼani hwɛ me, na dom me,ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.17Mʼakoma mu dadwene adɔɔso;yi me dadwene firi me so.18Hwɛ me haw ne mʼahohiahiana yi me bɔne nyinaa firi me so.19Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔsone ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me!20Bɔ me nkwa ho ban na gye me.Mma mʼanim ngu ase,ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.21Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban,ɛfiri sɛ mʼani da wo so.22Gye Israel, Ao Onyankopɔn,firi wɔn haw nyinaa mu.