Nnwom24twi_asa
Dawid dwom.
1Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea;ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;2ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo sona ɔde sii nsuo ani.3Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?4Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,deɛ ne kra nni ahoni akyina ɔnnka ntanhunu.5Ɔbɛnya Awurade nsam nhyirane bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.6Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.7Mo apono, mommuebuemommuebue, mo tete apono,na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.8Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi?Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no;Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.9Mommuebue, Ao mo aponomommuebue, mo tete apono,na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.10Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi?Asafo Awurade no,ɔno ne animuonyam Ɔhene no.