Nnwom20twi_asa

Dawid dwom.

1Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.2Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wona ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.3Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaana ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.4Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ,na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.5Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonimna yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu.Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.
6Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa;ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam sona afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so,nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.8Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.9Ao Awurade gye ɔhene nkwa!Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.