Nnwom2twi_asa

1Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?2Asase so ahemfo sɔre gyinana atumfoɔ bom tu agyinatia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.3Wɔka sɛ,“Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔnna yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”
4Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere;Awurade di wɔn ho fɛw.5Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo muhunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,6“Masi me Ɔhenewɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”7Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ:Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima;ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.8Bisa me,na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ,asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.9Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so;na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”
10Enti mo ahemfo, monsua nyansa;monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.11Momfa suro nsom Awuradena monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.12Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfuansɛe mo wɔ mo akwan so,ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so.Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.