Nnwom17twi_asa
Dawid Mpaeɛbɔ.
1Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;tie me sufrɛ.Yɛ aso ma me mpaeɛbɔdeɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.2Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ.Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.3Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,wohwehwɛ me mu anadwo,na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.4Nnipa nneyɛɛ fam no,wʼanomu asɛm entimatwe me ho afiribasabasayɛfoɔ akwan ho.5Menam wʼakwan so daa;me nan nnwatiriiɛ.6Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔnna wobɛgye me so;yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.7Da wo dɔ nwanwasoɔ no adiwo a wode wo nsa nifagye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwafiri wɔn atamfoɔ nsam.8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;fa me sie wo ntaban nwunu no ase9firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.10Wɔpirim wɔn akoma,na wɔkasa ahantan so.11Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.12Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no,te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.13Sɔre, Ao Awurade!Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.14Ao Awurade fa wo nsagye me firi nnipa a wɔte sei nsamasase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu.Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;wɔn mmammarima wɔ bebree,na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.15Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.