Nnwom16twi_asa
Dawid mpaeɛbɔ.
1Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn,na wo mu na menya hintabea.2Meka kyerɛɛ Awurade sɛ,“MʼAwurade ne wo;menni adepa biara ka wo ho.”3Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ,wɔne animuonyamfoɔ amʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.4Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire nowɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bina meremfa mʼano memmɔ wɔn din.5Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;woama me kyɛfa anya banbɔ.6Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka;ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.7Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.8Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.9Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie;me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,10ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.11Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan,na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so.