Nnwom148twi_asa
1Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.2Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.3Owia ne ɔsrane, monkamfo no,nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.4Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsorone mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.7Monkamfo Awurade mfiri asase so,mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,8anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,9mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,10wira mu mmoa ne anantwie,abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,12mmeranteɛ ne mmabaawammasiriwa ne mmɔfra nso.13Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sene edin biara;nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.14Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ,ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam,Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no.Monkamfo Awurade.