Nnwom147twi_asa
1Monkamfo Awurade.Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn,ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!2Awurade kyekyere Yerusalem;Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.3Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛna ɔkyekyere wɔn akuro.4Ɔnim nsoromma no dodoɔna ɔde obiara din frɛ no.5Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ;yɛrente nʼase nwie.6Awurade wowa ahobrɛasefoɔna ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.7Monto aseda nnwom mma Awurade.Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;ɔde osutɔ ma asasema ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.9Ɔma anantwie aduanena sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔna ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.12Momma Awurade so, Ao Yerusalem;kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,13ɔma wʼapono akyi adaban yɛ denna ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.14Ɔma wʼahyeɛ so dwona ɔde ayuo amapa ma wo.15Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so;nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.16Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.17Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.20Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;wɔnnim ne mmara.Monkamfo Awurade!