Nnwom145twi_asa
Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.
1Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;mɛkamfo wo din daa daa.2Ɛda biara, mɛkamfo wo;na mama wo din so daa daa.3Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.4Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.5Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.8Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.9Awurade yɛ ma obiara;na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.10Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;na wʼahotefoɔ bɛma wo so.11Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛmna wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.13Wʼahennie yɛ daa ahennie,na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.14Awurade wowa wɔn a wɔhwe asena ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.15Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.16Wobue wo nsamna woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.17Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.18Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.19Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.20Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.21Mʼano bɛkamfo Awurade.Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron nodaa daa.