Nnwom143twi_asa

Dawid dwom.

1Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,tie me nkotosrɛ;wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mubra bɛboa me.2Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.3Ɔtamfoɔ no taa me,ɔbɔ me hwe fam;ɔma me tena esum mute sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.4Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.5Mekae tete nna no;medwendwene wo nnwumane deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.6Mepagya me nsa kyerɛ wo;wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.
7Ao Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhinta meanyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.8Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.9Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,na wo mu na mede me ho hinta.10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,na wo ne me Onyankopɔn;ma wo honhom pa nonni me ɛkan wɔ asase tamaa so.
11Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.12Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,na meyɛ wo ɔsomfoɔ.