Nnwom14twi_asa

Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fina wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
2Awurade firi ɔsoro hwɛadasammasɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.
4Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane.Wɔnnsu mfrɛ Awurade?5Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn,ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.6Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ,nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.7Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!