Nnwom130twi_asa

Ɔsorokorɔ dwom.

1Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;2Ao Awurade tie me nne.Wɛn wʼasoma me nkotosrɛ.
3Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a,anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?4Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ;ɛno enti wɔsuro wo.
5Metwɛn Awurade, me kra twɛn,na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.6Me kra twɛne Awuradesene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ,sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.
7Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daana ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu.8Ɔno ankasa bɛgye Israelafiri wɔn bɔne nyinaa mu.