Nnwom128twi_asa

Ɔsorokorɔ dwom.

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,na wɔnante nʼakwan so.2Wobɛdi wʼadwuma so aba;nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso abawɔ wo fie;na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiriatwa wo ɛpono ho ahyia.4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,deɛ ɔsuro Awurade no.
5Awurade nhyira wo mfiri Sionwo nkwa nna nyinaa;na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.Asomdwoeɛ nka Israel.